Psalms 42:1-6

Nnwom 42–72

Koramma “maskil” dwom.


1 Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsuwansuwa no,
saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, me Nyankopɔn.

2 Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefo no.
Da bɛn na metumi akohyia Onyankopɔn?

3 Me nisu ayɛ mʼaduan
awia ne anadwo,
na da mu nyinaa nnipa bisa me se:
“Wo Nyankopɔn wɔ he?”

4 Saa nneɛma yi na mekae
bere a mereka me koma mu nsɛm;
sɛnea na midi asafokuw anim,
na yɛde anigye nteɛteɛmu ne aseda nnwom
nantew yuu bɔ mu kɔ Onyankopɔn fi
wɔ afahyɛ da no.


5 Me kra, adɛn, na woabotow?
Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?
Fa wo ho to Onyankopɔn so,
na mɛkɔ so ayi no ayɛ,
mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.


6 Me kra abotow wɔ me mu,
enti mɛkae wo
fi Yordan asase so,
Hermon mmepɔw so, fi Bepɔw Misar so.
Copyright information for TwiAKNA